Nnwom 145 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 145Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.

1Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;

mɛkamfo wo din daa daa.

2Ɛda biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;

obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.

4Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;

wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.

5Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.

6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.

7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,

na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.

8 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Awurade yɛ ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.

10Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefoɔ bɛma wo so.

11Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ

ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.

13Wʼahennie yɛ daa ahennie,

na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,

na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.

16Wobue wo nsam

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.

17 Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.

19Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;

ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help