Yesaia 9 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn

1Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.

2Nnipa a wɔnam sum mu

ahunu hann kɛseɛ;

wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,

hann bi apue wɔn so.

3Woatrɛ ɔman no mu;

woama wɔn ani agye mmoroso;

wɔdi ahurisie wɔ wʼanim

sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,

sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn

wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.

4Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,

saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;

saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma

a ɛda wɔn mmatire so.

5Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa

ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no

wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye.

Wɔde bɛsɔ ogya.

6Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin,

na amammuo no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.

7Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ

bɛtena hɔ daa.

Ɔbɛtena Dawid ahennwa so

abu nʼahennie,

Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ

bɛhyɛ aseɛ na wama atim

afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.

Asafo Awurade mmɔdemmɔ

bɛyɛ yei.

Awurade

Abufuo A Ɛtia Israel

8Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no,

na ɛbɛka Israel.

9Nnipa no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria

a wɔde ahohoahoa

ne ahomasoɔ akoma kasa no,

10“Ntayaa no abubu agu fam

nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio.

Wɔabubu borɔdɔma nnua no

nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”

11Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn,

na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.

12Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam,

Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam,

abue wɔn anom amene Israel.

Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ

na ne nsa da so wɔ soro.

13Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,

na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.

14Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho

na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;

15mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no,

na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.

16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa,

na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.

17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho,

na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ

ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ.

Ano biara ka ahuhusɛm.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya;

ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,

ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no,

na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.

19Asafo Awurade abufuo so enti,

asase no bɛkyene

na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;

na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.

20Nifa so, wɔbɛfom aduane adi,

nanso ɛkɔm bɛde wɔn;

benkum so, wɔbɛdidi,

nanso wɔremmee.

Obiara bɛwe ne ba ɛnam.

21Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase

na wɔbɛbɔ mu atia Yuda.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ,

na wama ne nsa so ayɛ krado.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help