4 Mose Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuWɔtwerɛɛ saa nwoma yi ɛberɛ a wɔkanee Israel mma no hunuu wɔn dodoɔ. Wɔkanee Israelmma no mprenu. Ɔman no tu firii Misraim no, afe akyi na wɔkanee wɔn (1.1–10.36). Mfirinhyia aduasa nwɔtwe akyi a ɔman no akyinkyini ɛserɛ so na wɔrebɛhyɛne Kanaan no na wɔkanee wɔn mprenu soɔ (26.1-65).Nnipakan a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu ntam no, Israelfoɔ no kɔtenaa Kades Barnea a ɛda Kanaan anafoɔ fam. Mfirinhyia bebree akyi no, wɔtu kɔɔ Yordan apueeɛ fam. Ɔmanfoɔ no bi tenaa hɔ na ebi nso kɔɔ Kanaan, a ɛyɛ Bɔhyɛ Asase no so. Ɛsiane sɛ Israelfoɔ yi rekɔtena ɔman foforɔ bi so enti, wɔhyehyɛɛ mmara ahodoɔ bi maa wɔn (6; 15; 27; 28).Nwoma yi ka Israelfoɔ a wɔn aba mu abu na ahokyereɛ bebree abɔ wɔn hu ho asɛm. Wɔkasa tiaa Mose, Onyame onipa a wɔapa no sɛ ɔnni ɔman no anim. Israelfoɔ asoɔden ne aboterɛ a na wɔnni no nyinaa akyi no, Onyankopɔn dɔ ne ntoboaseɛ ne mmɔborɔhunu daa adi wɔ nwoma yi mu.Emu NsɛmAkwantuo No Ho Ntotoeɛ (1.1–10.10)Anammɔntuo A Ɛdi Ɛkan Wɔ Asase No Ho (10.11–14.45)Ɛserɛ So Akyinkyinakyinkyini (15.1–21.15)Anammɔntuo A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Bɔhyɛ Asase No Ho (22.1–36.13)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help