1 Yohane Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuƆsomafoɔ Yohane a na ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no na ɔtwerɛɛ Yohane asɛmpa, Yohane nwoma a ɛdi ɛkan, deɛ ɛtɔ so mmienu, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Adiyisɛm. Saa ɛberɛ no na akyerɛkyerɛfoɔ bɔne ne nkyerɛkyerɛ ahodoɔ a ɛne Kristosom bɔ abira wɔ hɔ. Ɛno enti, Yohane twerɛɛ krataa a ɛdi ɛkan yi de kɔhyɛɛ Akristofoɔ den sɛ wɔnnni saa akyerɛkyerɛfoɔ bɔne no akyi, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔhunu sɛ Onyankopɔn yɛ Hann, Nkwa ne Ɔdɔ, ɛno enti, ɛsɛ sɛ wɔtena ase wɔ hann nko ara mu. Afei, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔbra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ Kristo Yesu mu na daa wɔdodɔ wɔn ho. Nokwasɛm, saa ɔdɔ yi na Yohane sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ obiara dɔ ne yɔnko a ɛnam so ma wɔtoo ne din “Ɔdɔ Somafoɔ” no.Emu NsɛmNnianimu (1.1-4)Hann mu asetena (1.5–2.29)Ɔdɔ mu asetena (3.1–4.21)Gyidie mu asetena (5.1-12)Asɛnka a ɛtwa toɔ (5.13-21)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help