Tito Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuTito yɛ abarimaa bi a na ɔnyɛ Yudani, nanso ɔbɛyɛɛ Okristoni ne Paulo ɔboafoɔ. Ɛsiane ne nsi, nʼanem, ne ne nyamesuro amapa enti, Paulo yɛɛ no Kreta asafo no “ɔhwɛfoɔ ɔpanin.” Ɛsiane sɛ na Kreta abrabɔ yɛ den no enti, na ɛyɛ den ma ɛhɔ Akristofoɔ sɛ wɔbɛtena ase sɛ nokorɛ Akristofoɔ. Ne saa enti Paulo twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Tito a ɔyɛ asafo no ti kyerɛɛ no kwan a ɔmfa so nyi nʼaboafoɔ sɛ asafo mpanimfoɔ a wɔbɛdi asafo no anim. Krataa no kaa sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Okristoni ne afoforɔ tena ase wɔ asomdwoeɛ, ɔdɔ ne baakoyɛ mu.Emu NsɛmNkyea (1.1-4)Asafo mpanimfoɔ (1.5-9)Sɛdeɛ wobɛhunu atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ (1.10-16)Nkyerɛkyerɛ pa (2.1-15)Ayɔnkofa a ɛda Tito ne agyedifoɔ a wɔaka no ntam (3.1-11)Asɛnka a ɛtwa toɔ ne nhyira (3.12-13)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help