1Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa.
2Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia sɛ,
3“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene wɔ Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin sɛ,
4Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi kɔ efie, ɛfiri sɛ, me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’ ” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
Rehoboam Ma Yuda Banbɔ5Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den.
6Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
7Bet-Sur, Soko, Adulam,
8Gat, Maresa, Sif,
9Adoraim, Lakis, Aseka,
10Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.
11Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã wɔ kuropɔn biara so.
12Ɔde akokyɛm ne mpea siee wɔ saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
13Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa.
14Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ, Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfoɔ.
15Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ.
16Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no.
17Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no.
Rehoboam Abusua18Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso.
19Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
20Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit.
21Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.
22Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene.
23Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.