1Monkamfo Awurade.
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
2Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa;
mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.
3Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,
adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.
4Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu,
saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.
5Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn,
deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
6Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ,
ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa
Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.
7Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
Awurade gyaa nneduafoɔ,
8 Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ.
Awurade pagya wɔn a wɔakom.
Awurade dɔ teneneefoɔ.
9 Awurade hwɛ ahɔhoɔ so
na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ,
na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.
10Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa,
wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
Monkamfo Awurade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
