1Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,
Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.
Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ
na nʼabufuo tena wɔn so.
3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.
4Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;
ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.
Basan ne Karmel twintwam
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.
5Mmepɔ woso biribiri nʼanim
na nkokoɔ nane.
Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa
woso nʼanim.
6Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?
Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?
Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;
abotan yam wɔ nʼanim.
7 Awurade yɛ,
ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
8Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so
bɛma Ninewe aba awieeɛ.
Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
9Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,
ɔbɛsɛe no;
ɔhaw biara remma ne mprenu so.
10Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,
na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no
wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.
11Ao, Ninewe, wo mu na
deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade
na ɔtu fo bɔne no firie.
12Deɛ Awurade seɛ nie:
“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,
nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.
Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,
nanso merenyɛ saa bio.
13Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu
na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
14Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:
“Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so.
Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo
a ɛsisi wʼabosonnan mu no.
Mɛsiesie wʼadamena
ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”
15Hwɛ mmepɔ no so,
deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn
ɔno na ɔka asomdwoesɛm!
Ao, Yuda di wʼafahyɛ na
di wɔ bɔhyɛ so.
Nnipa bɔne rentu wo so sa bio;
Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
