1Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.
2Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.
3Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”
Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin4Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.
5Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:
6Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
7Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
8Abusuafoɔ dodoɔ nie:
Paros
2,172
9Sefatia
372
10Arah
652
11Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ)
2,818
12Elam
1,254
13Satu
845
14Sakai
760
15Bani
648
16Bebai
628
17Asgad
2,322
18Adonikam
667
19Bigwai
2,067
20Adin
655
21Ater (Hesekia asefoɔ)
98
22Hasum
328
23Besai
324
24Harif
112
25Gibar
95
26Mmarima a wɔfiri
Betlehem ne Netofa
188
27Anatot
128
28Bet-Asmawet
42
29Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot
743
30Rama ne Geba
621
31Mikmas
122
32Bet-El ne Ai
123
33Nebo
52
34Elam
1,254
35Harim
320
36Yeriko
345
37Lod, Hadid ne Ono
721
38Senaa
3,930
39Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ
973
40Imer asefoɔ
1,052
41Pashur asefoɔ
1,247
42Harim asefoɔ
1,017
43Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ
74
44Nnwontofoɔ:
Asaf asefoɔ
148
45Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ:
Salum, Ater, Talmon asefoɔ,
Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ
138
46Asɔredan mu asomfoɔ:
Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
47Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
48Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,
49Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,
50Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,
51Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,
52Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,
53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
54Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
55Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
56Nesia ne Hatifa asefoɔ
57Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,
58Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
59Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,
60Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ
392
61Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:
62Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ
642
63Asɔfoɔ baasa a wɔn din de
Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)
64Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
65Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
66Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360),
67a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ.
68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245).
69Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).
70Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).
71Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.
72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).
73Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so.
Ɛsra Kenkan Mmara NoƆbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.