Mmɛbusɛm 2 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nyansa Ho Mfasoɔ Wɔ Abrabɔ Mu

1Me ba, sɛ wotie me nsɛm,

na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,

2sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wʼakoma ma nteaseɛ,

3na woma wo nne so frɛ nhunumu

na wosu frɛ nteaseɛ,

4na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ

na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,

5ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

7Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

8ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,

na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

9Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ

ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

10Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11Adwene bɛbɔ wo ho ban

na nteaseɛ ahwɛ wo so.

12Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,

ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,

13na wɔmane firi akwan pa so

kɔnante esum akwan so,

14wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,

15wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.

16Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,

afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,

17deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.

18Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu

na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.

19Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi

na woanante ateneneefoɔ akwan so.

21Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;

22na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,

na wɔatɔre atorofoɔ ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help