Ɛsra 1 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Yuda Nnommumfoɔ Sane Ba Yerusalem

1Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:

Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.

3Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho.

4Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no.

5Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma sɛ, wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no.

6Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.

7Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ.

8Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.

9Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ:

sikakɔkɔɔ nsiaseɛ

30

dwetɛ nsiaseɛ

1,000

dwetɛ ɔhyeɛsɛn

29

10sikakɔkɔɔ atam

30

dwetɛ atam

410

nneɛma a ɛkeka ho

1,000

11Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help