1 Korintofoɔ 4 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Kristo Asomafoɔ

1Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa.

2Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ.

3Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn.

4Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn.

5Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahinta wɔ nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.

6Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta.

7Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?

8Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho.

9Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ.

10Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo.

11Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena;

12yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano.

13Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.

14Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɛkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.

15Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.

16Mesrɛ mo sɛ monsuasua me.

17Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.

18Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo.

19Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no.

20Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.

21Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help