1“ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron.
2Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum (75).
3Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
4Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso.
5Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
6“ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.
7“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam.
8Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.
9“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
10Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ.
11Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu (182), na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu.
12Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720).
Afɔrebɔdeɛ Ne Nna Kronkron13“ ‘Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa.
14Ngo dodoɔ a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita mmienu ne fa.
15Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ wɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
16Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba.
17Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel.
18“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
19Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho.
20Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
21“ ‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu.
22Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba.
23Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ.
24Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.
25“ ‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.