Nnwom 68 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 68Dawid dwom.

1Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete;

wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim.

2Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no,

saa ara na bɔ wɔn gu;

sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no,

saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.

3Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye

na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;

ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.

4To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.

Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so.

Ne din ne Awurade;

ma wʼani nnye wɔ nʼanim.

5Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn

ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ.

6Ɔma onnibie tena mmusua mu,

na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho;

na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.

7Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim,

ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no,

8asase wosoeɛ,

na ɔsoro tuee osuo guu fam,

wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no,

Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.

9Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn,

guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm.

10Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so.

Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ.

11Awurade kaa asɛm no,

na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ;

12“Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so;

na mmaa kyɛ afodeɛ no.

13Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no,

wɔnya afodeɛ no bi.

Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.”

14Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no,

na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.

15Basan mmepɔ gyinagyina hɔ,

Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka.

16Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne

hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene,

baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?

17Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem

ne ɔpepem mpem mpem;

Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.

18Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no,

wode nnommumfoɔ kaa wo ho;

wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ,

firii atuatefoɔ hɔ mpo,

sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn.

19Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa,

deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.

20Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa;

na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu.

21Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti,

wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no.

22 Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba;

mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,

23na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu

na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”

24Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,

me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.

25Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,

na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho.

26Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu;

monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.

27Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,

Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so,

na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.

28Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;

da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no.

29Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti

ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.

30Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim,

ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no.

Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba.

Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.

31Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba,

na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.

32Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn,

monto ayɛyi dwom mma Awurade,

33monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no,

na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no.

34Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,

deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no,

na ne tumi wɔ soro soro no.

35Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ;

Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ.

Ayɛyie nka Onyankopɔn!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help