Nnwom 104 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 104

1Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ!

Wɔafira tumi ne animuonyam.

2Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ;

ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,

3na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.

Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam

na ɔde nante mframa ntaban so.

4Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ.

5Ɔde asase asi ne fapem so

na ɛrenhinhim da.

6Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ

na nsuo gyinaa mmepɔ no so.

7Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ,

wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ;

8Wɔtenetenee faa mmepɔ so,

kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn,

kɔguu baabi a wode ama wɔn no.

9Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra;

na wɔammɛkata asase so bio.

10Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu;

ɛtene fa mmepɔ ntam.

11Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom;

ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm.

12Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho;

na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.

13Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so;

Awurade nnwuma so aba mee asase.

14Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,

na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua

na ɛmma aduane mfiri asase mu:

15na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,

na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so,

na aduane nso akura onipa akoma.

16Wɔgugu Awurade nnua no so yie,

Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.

17Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo

na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu.

18Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;

na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua.

19Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,

na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ.

20Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ

na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.

21Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa

wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ.

22Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;

wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.

23Afei, onipa kɔ nʼadwuma so

kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ.

24Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso!

Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;

wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma.

25Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,

a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,

akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.

26Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,

na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.

27Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan

sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.

28Wodema wɔn a, wɔtase;

wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.

29Wode wʼanim hinta wɔn a,

wɔbɔ hu;

sɛ wogye wɔn ahomeɛ a,

wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu.

30Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a

na wɔabɔ wɔn,

na woyɛ asase ani foforɔ.

31Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa;

ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,

32deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,

na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.

33Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;

sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.

34Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani

ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.

35Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so;

na amumuyɛfoɔ ase nhye.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade.

Kamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help