1Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
2Nna a ɛdi akyire no mu no,
Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim
sɛ mmepɔ no nyinaa ti;
ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so
na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,
nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.
Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”
Mmara no bɛfiri Sion aba
na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn
na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;
wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ
na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.
Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,
momma yɛnnante Awurade hann mu.
Awurade Da No6 Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,
Yakob fiefoɔ.
Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;
wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ
na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.
Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;
na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,
deɛ wɔn nsateaa ayɛ.
9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase
na wama adasamma aboto.
Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
10Kɔhyɛne abotan no mu,
fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;
Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
12Asafo Awurade ahyɛ da bi
ama ahomasofoɔ nyinaa
ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa
(wɔbɛbrɛ wɔn ase),
13Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn,
ne Basan odum nnua no,
14mmepɔ atentene nyinaa
ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,
15ne abantenten a ɛkorɔn
ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,
16adwadie hyɛn biara
ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.
17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;
Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
18na ahoni no bɛyera korakora.
19Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu
ne ntokuro a ɛdeda asase mu
ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,
ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
20Saa ɛda no, nnipa bɛto
wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni
a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no
agu ama akusie ne mpan.
21Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu
ne abotan mpaapaeɛ mu
ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,
ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
22Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa,
a wɔwɔ ahome kɛkɛ so.
Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.