1Na Isakar mmammarima baanan no din de
Tola, Pua, Yasub ne Simron.
2Tola mmammarima no ne:
Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia (22,600).
3Na Usi babarima din de:
Yisrahia.
Na Yisrahia mmammarima din de:
Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
4Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree.
5Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu.
Benyamin Asefoɔ6Na Benyamin mmammarima baasa no din de:
Bela, Beker ne Yediael.
7Na Bela mmammarima yɛ:
Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.
8Na Beker mmammarima din de:
Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
9Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu (20,200) wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa.
10Na Yediael babarima ne:
Bilhan.
Na Bilhan mmammarima ne:
Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.
11Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu (17,200).
12Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
Naftali Asefoɔ13Na Naftali mmammarima yɛ:
Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ.
Manase Asefoɔ14Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.
15Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara.
16Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem.
17Na Ulam babarima din de:
Bedan.
Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ.
18Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
19Na Semida mmammarima yɛ:
Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
Efraim Asefoɔ20Efraim asefoɔ ne:
Sutela, Bered, Tahat, Elada,
Tahat,
21Sabad ne Sutela.
Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no.
22Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ.
23Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti.
24Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera.
25Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan
26Ladan, Amihud, Elisama,
27Nun ne Yosua.
28Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so.
29Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so.
Aser Asefoɔ30Na Aser mmammarima yɛ:
Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.
31Na Beria mmammarima din de:
Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
32Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua.
33Na Yaflet mmammarima din de:
Pasak, Bimhal ne Aswat.
34Na Semer mmammarima din de:
Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
35Na ne nuabarima Helem mmammarima din de:
Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
36Na Sofa mmammarima din de:
Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,
37Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
38Na Yeter mmammarima din de:
Yefune, Pispa ne Ara.
39Na Ula mmammarima din de:
Arah, Haniel ne Risia.
40Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.