1 Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ,
Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.
2Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ,
tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
3Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn,
amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?
4Wɔkasa ahantan so;
ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.
5Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ;
wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.
6Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ;
na wɔdi nwisiaa awu.
7Wɔka sɛ, “Awurade nhunu,
Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”
8Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu;
nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?
9Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa?
Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?
10Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa?
Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?
11 Awurade nim onipa nsusuiɛ;
ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.
12Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so,
onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
13Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu,
kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ.
14 Awurade rempo ne nkurɔfoɔ;
na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.
15Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio,
na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so.
16Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me?
Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?
17Sɛ Awurade ammoa me a,
anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.
18Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no,
Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.
19Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no,
wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
20Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa?
Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?
21Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ
na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.
22Nanso Awurade yɛ mʼaban;
na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.
23Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka
na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn;
Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
