3 Mose 21 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asɔfodie Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ asɔfoɔ no sɛ, ‘Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi.

2Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima

3anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no.

4Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no.

5“ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.

6Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.

7“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.

8Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.

9“ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.

10“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu.

11Ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ efunu ho—nʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ho.

12Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

13“ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu.

14Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu,

15sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Mene Awurade a metee ne ho no.’ ”

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

17“Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ.

18Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ;

19obi a ɔyɛ abasin anaa nansin,

20anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo.

21Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no.

22Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron.

23Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na wate hɔ ho.”

24Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help