1 Ahemfo Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuAhemfo Nwoma a Ɛdi Ɛkan ka Israel ne Yuda ahemfo ho nsɛm, ɛfiri Salomo berɛ so kɔsi afe 900 ansa na wɔrebɛwo Yesu. Nwoma no botaeɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛ deɛ ɛbaeɛ a Dawid ahennie sɛ Israel nyinaa so ɔhene no antoa so ne deɛ enti a Onyankopɔn maa ɔman no kɔɔ nkoasom mu.Salomo foroo ahennwa no ara pɛ, Dawid hyɛɛ no sɛ ɔnni Onyankopɔn mmara ne nʼakwan nyinaa so (Ti 2.3). Salomo yɛɛ yei na Onyankopɔn bisaa no deɛ ɔpɛ no, ɔkaa sɛ ɔpɛ nyansa. (Ti 3.9). Enti, Salomo adedie mu no, ɔde nkonimdie a ɛyɛ Hyiadan no sie a ɛyɛ ade kɛseɛ a ɔyɛeɛ kaa ho. Nanso, Onyankopɔn fam, akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ ne sɛ, ɔwaree mmaa bebree a na ebinom yɛ abosonsomfoɔ. Mmaa yi danee Salomo akoma firii Awurade ho de no kɔɔ anyame huhuo ho (Ti 11.1-4).Nsɛm titire a ɛwɔ Ahemfo Nwoma a Ɛdi Ɛkan mu no yɛ Dawid wuo, Salomo ahennie, Rehoboam adedie ne mmɔfraasɛm a ɔdiiɛ maa ahemman no mu kyɛɛ mmienu, odiyifoɔ kokodurufoɔ Elia a ɔkasa maa Onyankopɔn na ɔdii ɔhene Ahab ne ne yere Yesebel ne Baal asɔfoɔ so nkonim wɔ Bepɔ Kamel so.Emu NsɛmAhemman Nkabom (1.1–11.43)Ahemman A Wɔakyekyɛ Mu No (12.1–22.53)