Hiob 25 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

1Na Suhini Bildad buaa sɛ,

2“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa?

Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?

4Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn,

na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?

5Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn

na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,

6na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama,

onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help