Ɛster 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ

1Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho.

2Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu.

3Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help