Nnwom 59 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 59Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no.

1Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam;

bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.

2Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam.

Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.

3Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me

akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me

a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.

4Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.

Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!

5Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn,

ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;

nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.

6Wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ nkraman,

na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.

7Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu,

wɔfe akofena firi wɔn anomu

na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?

8Nanso, wo Awurade, wosere wɔn;

wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.

9Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo;

wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,

10me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Onyankopɔn bɛdi mʼanim

na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.

11Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm,

na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn.

Wo tumi mu no ma wɔnnantenante,

na brɛ wɔn ase.

12Bɔne a ɛfiri wɔn anomu,

ne wɔn ano nsɛm enti

ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn.

Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,

13sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu,

kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.

Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu

sɛ Onyankopɔn di Yakob so.

14Wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ nkraman

na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.

15Wɔkyinkyini pɛ aduane

na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.

16Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,

mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa;

ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ,

mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.

17Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo;

wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help