2 Berɛsosɛm 27 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Yotam Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.

2Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.

3Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no.

4Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua.

5Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum.

6Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn.

7Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu.

8Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia.

9Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help