Yesaia 46 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Babilonia Anyame

1Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu;

mfunumu soa wɔn ahoni.

Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru,

ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.

2Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase;

wɔntumi nsi amanehunu ano,

wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ,

mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa,

mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu,

na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

4Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu,

Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu.

Mabɔ mo na mɛturu mo;

mɛwowa mo na mɛgye mo.

5“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso?

Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

6Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu

na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;

wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi,

na wɔkoto sɔre no.

7Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so,

wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara.

Ɛrentumi mfiri faako a esie.

Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua;

ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.

8“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim,

monnwene ho mo atuatefoɔ.

9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;

Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;

Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,

ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.

Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,

na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

11Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;

afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.

Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;

deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

12Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ,

mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;

13Mede me tenenee repinkyɛ,

ɛnni akyirikyiri;

na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre.

Mɛma Sion nkwagyeɛ,

na mede mʼanimuonyam ama Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help