Adiyisɛm 4 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ɔsoro Pono A Wɔabue

1Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ, “Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.”

2Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so.

3Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

4Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.

5Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson.

6Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim.

Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia.

7Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu.

8Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ,

“Kronkron, Kronkron

ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a

ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”

9Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a,

10mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ:

11“Yɛn Awurade ne Onyankopɔn,

wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi,

ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,

na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help