1 Berɛsosɛm 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Asɔfoɔ Awoɔ Ntoatoasoɔ

1Na Lewi mmammarima yɛ:

Gerson, Kohat ne Merari.

2Na Kohat asefoɔ nso yɛ:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

3Na Amram mma yɛ:

Aaron, Mose ne Miriam.

Na Aaron mmammarima yɛ:

Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

4Eleasa woo Pinehas.

Pinehas woo Abisua.

5Abisua woo Buki,

na Buki woo Usi,

6Usi woo Serahia, Serahia woo Meraiot,

7Meraiot woo Amaria,

na Amaria woo Ahitub,

8Ahitub woo Sadok,

na Sadok woo Ahimaas,

9Ahimaas woo Asaria,

Asaria woo Yohanan,

10Yohanan woo Asaria,

a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.

11Asaria woo Amaria,

Amaria woo Ahitub,

12Ahitub woo Sadok,

Sadok woo Salum,

13Salum woo Hilkia,

Hilkia woo Asaria.

14Asaria woo Seraia,

Seraia woo Yehosadak.

15Wɔtwaa Yehosadak asuo ɛberɛ a Awurade de Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.

Lewifoɔ Mmusua

16Na Lewi mmammarima din de:

Gersom, Kohat ne Merari.

17Na Libni ne Simei ka Gerson asefoɔ ho.

18Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel

ka Kohat asefoɔ no ho.

19Na Mahli ne Musi

ka Merari asefoɔ no ho.

Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ.

20Na Gerson asefoɔ yɛ:

Libni, Yahat,

Sima,

21Yoa,

Ido, Serah

ne Yeaterai.

22Na Kohat asefoɔ ne

Aminadab, Kora,

Asir,

23Elkana,

Ebiasaf, Asir,

24Tahat, Uriel,

Usia ne Saulo.

25Na Elkana asefoɔ ne:

Amasai, Ahimot,

26Sofai, Nahat,

27Eliab,

Yeroham, Elkana ne Samuel.

28Na Samuel mmammarima din ne:

Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin

ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no.

29Na Merari mma ne:

Mahli, Libni,

Simei, Usa,

30Simea, Hagia

ne Asaia.

Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefoɔ

31Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.

32Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.

33Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no.

Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu.

Wɔto nʼabusuadua ana firi

Yoɛl, Samuel,

34Elkana, Yeroham,

Eliel, Yoa,

35Suf, Elkana,

Mahat, Amasai,

36Elkana, Yoɛl,

Asaria, Sefania,

37Tahat, Asir,

Ebiasaf, Kora,

38Ishar, Kohat,

Lewi ne Israel ase;

39Herman abadiakyire a ɔdi ɛkan no din de Asaf, a na ɔfiri Gerson abusua mu.

Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea,

40Mikael, Baaseia,

Malkia,

41Etni,

Serah, Adaia,

42Etan, Sima,

Simei,

43Yahat, Gersom ne Lewi ase.

44Herman abadiakyire a ɔtɔ so mmienu no din de Etan, a na ɔfiri Merari abusua mu.

Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi,

Maluk,

45Hasabia,

Amasia, Hilkia,

46Amsi, Bani, Semer,

47Mahli,

Musi, Merari ne Lewi ase.

Aaron Asefoɔ

48Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no nso, wɔmaa wɔn dwuma ahodoɔ bi dii wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛyɛ Onyankopɔn fie no mu.

49Aaron ne nʼasefoɔ nko na wɔsom sɛ asɔfoɔ. Na wɔde afɔrebɔdeɛ gu ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ohwam afɔrebukyia so, na wɔdi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose de maa wɔn no so yɛɛ mpatadeɛ maa Israel.

50Na Aaron asefoɔ yɛ:

Eleasa, Pinehas, Abisua,

51Buki, Usi, Serahia,

52Meraiot, Amaria, Ahitub,

53Sadok ne Ahimaas.

54Yei ne abakɔsɛm a ɛfa nkuro ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefoɔ a wɔfiri Kohat abusua mu no.

55Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.

56Nanso, kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.

57Enti, saa nkuro yi a mmoa adidibea atwa ebiara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefoɔ: Hebron a ɛyɛ dwanekɔbea kuro, Libna, Yatir, Estemoa,

58Hilen, Debir,

59Asan, Yuta ne Bet-Semes.

60Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot firii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho.

Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefoɔ.

61Na Kohat asefoɔ a wɔkaeɛ no nso, wɔnyaa nkurotoɔ edu a wɔnam ntontobɔ kronkron so firii Manase abusua fa no asase so.

62Gerson asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wɔnyaa bi nso firii Basan pɔ mu a ɛyɛ Manase dea, a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no.

63Merari asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.

64Enti, Israelfoɔ de saa nkuro yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifoɔ.

65Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkuro a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so maeɛ sɛdeɛ wɔaka dada no.

66Saa nkurotoɔ yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefoɔ nya firii Efraim asase so:

67Sekem a ɛyɛ dwanekɔbea kuro a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so, Geser,

68Yokmeam, Bet-Horon,

69Ayalon ne Gat-Rimon.

70Kohat asefoɔ nkaeɛ no, wɔde saa nkurotoɔ a ɛfiri Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.

71Gerson asefoɔ nyaa kuro a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no firii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.

72Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,

73Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.

74Aser asase so, wɔnyaa Masal, Abdon,

75Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.

76Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.

77Merari asefoɔ nkaeɛ no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkuro firi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka ebiara ho.

78Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wɔnyaa Beser a ɛyɛ anweatam kuro, Yahas,

79Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.

80Na Gad asase so nso, wɔnyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,

81Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka ebiara ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help