Yesaia 27 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Ɔgyeɛ

1Saa ɛda no,

Awurade de nʼakofena bɛtwe aso,

ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no

bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ

a ɔbobɔ ne ho no aso;

ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no.

2Saa da no,

“To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ:

3Me, Awurade, mehwɛ so;

megugu so nsuo ɛberɛ biara.

Mebɔ ho ban awia ne anadwo

sɛdeɛ obiara rensɛe no.

4Me bo mfuiɛ.

Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a

anka mene wɔn de bɛbɔ ani;

na mahye wɔn nyinaa.

5Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta

na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho,

aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”

6Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,

Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ

na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.

7 Awurade abɔ Israel

sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa?

Awurade akum Israel

sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?

8Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.

Wode mframa a ano yɛ den pam no

te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.

9Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie;

yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara:

Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ

mu nketenkete,

na Asera afɔrebukyia

ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.

10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan;

atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam;

ɛhɔ na anantwie mma didie,

ɛhɔ na wɔdeda;

wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.

11Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu

na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya.

Na saa nnipa yi nni nteaseɛ

enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ,

na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

12Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

13Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help