2 Ahemfo Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuAhemfo Nwoma a Ɛtɔ so Mmienu yɛ Ahemfo a Ɛdi Ɛkan ntoasoɔ a ɛka Israelman ne Yudaman ahemfo ho nsɛm kɔsi ɛberɛ a wɔbɛfaa Yudaman no nnommum kɔɔ Babilonia. Nwoma no yɛ mfirinhyia ɔha aduasa mu abakɔsɛm a emu no, Atifi Ahemman a ɛyɛ Israel nyaa ahemfo dumienu. Anafoɔ Ahemman a ɛyɛ Yuda no nso, ahemfo dunsia na wɔdii so. Asiriahene Samanesta bɛdii Israel so nkonim de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe 722 ansa na wɔrebɛwo Kristo. Yudaman nso, Babiloniahene Nebukadnessar bɛdii wɔn so, sɛee Yerusalem de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe 586 ansa na wɔrebɛwo Kristo. Ahemfo mmienu a wɔda nso wɔ ahemfo no nyinaa mu ne Hesekia ne Yosia a wɔyɛɛ ɔsetie maa Onyankopɔn.Nwoma yi bɔ adiyifoɔ a wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ ɔmanfoɔ no ne wɔn ntuanofoɔ din. Odiyifoɔ a ɔdi akotene ne Elisa a ɔdii Odiyifoɔ Elia adeɛ.Emu NsɛmAhemman A Wɔkyekyɛ Mu (1.1–17.41)Ahemman A Ɛte Ase (18.1–25.30)