Hiob Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuHiob Nwoma yɛ nwoma bi a ɛfa onipa bi a amanehunu too no ho. Ne mma ne nʼagyapadeɛ nyinaa firii ne nsa na yadeɛ a ɛyɛ ya nso bɔɔ no. Ɔtwerɛfoɔ no nam anwensɛm nkɔmɔdie ahodoɔ mmiɛnsa so kyerɛɛ deɛ Hiob ayɔnkofoɔ ne Hiob ankasa nso yɛɛ wɔ amanehunu no mu. Awieeɛ no Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Hiob. Onyankopɔn ne adasamma nkitahodie yɛ asɛm titire wɔ nkɔmmɔdie yi mu.Hiob ayɔnkofoɔ no faa nyamesom ho nteaseɛ a ɛwɔ hɔ saa ɛberɛ so kyerɛɛ nʼamanehunu no ase. Ɛsiane sɛ na wɔsusu daa nyinaa sɛ Nyankopɔn tua papa a yɛyɛ so ka na ɔtwe yɛn aso wɔ bɔne ho enti, deɛ Hiob amanehunu no kyerɛ ara ne sɛ wayɛ bɔne. Na Hiob deɛ, wanhunu no saa. Na ɔmfata saa asotwe yaaya yi ɛfiri sɛ ɔyɛ onipa papa ne ɔteneneeni. Na ɔnte aseɛ sɛ Onyankopɔn bɛtumi ama musuo a ɛte sei aba obi a ɔte sɛ ɔno so, na ɔsii ne bo bisaa Onyankopɔn hɔ asɛm. Hiob ampa aba ara na ɔkɔɔ so gyee Onyankopɔn diiɛ, nanso ɔpɛɛ sɛ ɔdi bem wɔ Onyankopɔn anim na wasane anya anidie sɛ ɔyɛ onipa papa.Akyire no Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Hiob ma ɔhunuu Onyankopɔn tumi ne nʼanimuonyam. Yei maa Hiob de ahobrɛaseɛ a fɛreɛ wɔ mu kotoo Onyankopɔn, na Onyankopɔn kaa Hiob nnamfonom anim na ɛmaa Hiob nyaa nʼahotɔ ne nʼahonyadeɛ bio.Saa sɔhwɛ a ɛbaa Hiob so yi, wɔde sɔɔ ne gyidie a ɛnhinhim no hwɛeɛ. Gyidie a ɔde too ne nkwa fapem yi enti, ɔtumi gyinaa pintinn.Emu NsɛmWɔsɔ Hiob Hwɛ (1.1–2.13)Nnamfo Baasa No Ma Hiob Mmuaeɛ (3.1–31.40)Elihu Mmuaeɛ (32.1–37.24)Onyankopɔn Ma Hiob Mmuaeɛ (38.1–41.34)ɛ. Hiob Ba Ne Tebea Dada Mu (42.1-17)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help