Nnwom Mu Dwom 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nnamfonom:

1Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ

mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaawa:

2Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu,

faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ,

ɔkɔkyinkyini turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

3Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no;

ɔkyinkyin sukooko no mu.

Aberanteɛ:

4Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,

wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,

wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.

5Ɛnhwɛ me saa;

wo ma me yɛ basaa.

Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a

wɔresiane firi Gilead.

6Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,

a wɔfiri adwareɛ.

Wɔnam mmienu mmienu

na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

7Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu

te sɛ ateaa aduaba fa.

8Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,

mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;

9nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;

ɔno nko ara ne ne maame babaa,

ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.

Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.

Nnamfonom:

10Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia,

nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.

Aberanteɛ:

11Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ

sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,

sɛ bobe no agu nhyerɛnne

anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.

12Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

13Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;

Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!

Aberanteɛ:

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa

sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help