1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2“Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.”
3Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.
4Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi:
Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
5Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat;
6Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;
7Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;
8Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;
9Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;
10Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;
11Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;
12Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;
13Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;
14Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi
15Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.
16Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua.
17Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so
18na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua
19anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban,
20sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane.
21Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no.
22Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
23Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ.
24Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ.
25Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ.
26Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ.
27Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ.
28Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ.
29Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.”
30Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.”
31Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!”
32Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ,
33na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.