Yesaia 52 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Nyane, nyane, Ao Sion,

hyɛ ahoɔden aduradeɛ no.

Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no

Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no.

Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi

renwura wʼapono mu bio.

2Poroporo wo ho mfuturo.

Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem.

Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu,

Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum.

3Na yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Wɔantɔn wo annye hwee,

na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”

4Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;

akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.

5“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ.

“Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa,

na wɔn sodifoɔ di fɛw,”

Awurade na ɔseɛ.

“Ɛda mu no nyinaa

wɔkɔ so gu me din ho fi.

6Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din;

enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ

ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.

Aane, ɛyɛ me.”

7Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no

anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so,

wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,

wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba,

wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm

na wɔka kyerɛ Sion sɛ,

“Mo Onyankopɔn di ɔhene.”

8Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so;

wɔbɔ mu de anigye team.

Sɛ Awurade sane ba Sion a,

wɔde wɔn ani bɛhunu.

9Mommɔ mu nto anigye nnwom,

mo Yerusalem mmubuiɛ,

ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ;

wagye Yerusalem.

10 Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho

wɔ amanaman nyinaa anim

na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

11Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ!

Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.

Mommfiri ho na mo ho nte,

mo a mokurakura Awurade nkuruwa.

12Monntutu mmirika mfiri ha

anaa monnwane;

ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim,

Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.

Ɔsomfoɔ No Amanehunu Ne Nʼanimuonyam

13Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie

wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.

14Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn.

Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ

na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ.

15Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn

na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti.

Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,

na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help