Hebrifoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuWɔnhunuu onipa pɔtee a ɔtwerɛɛ saa nwoma yi nanso wɔnam akwan ahodoɔ bebree so kyerɛ mu sɛ, Paulo na ɔtwerɛeɛ. Na akyerɛkyerɛfoɔ bi kyerɛkyerɛ Akristofoɔ a wɔnyɛ Yudafoɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so, na wɔbɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu sɛdeɛ Yudafoɔ no yɛ no pɛ. Ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ krataa yi pɛɛ sɛ ɔkyerɛ deɛ gyidie ne ɔsom kann yɛ. Ɔda no adi sɛ Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ no nyɛ adeɛ a ɛho hia wɔ ɔsom no mu. Na mmom, afɔrebɔ kann no ne deɛ Yesu Kristo yɛɛ wɔ asɛnnua no so no. Ɛno enti, ɛho hia sɛ wɔsɔ gyidie kann no mu na ɛberɛ biara, wɔkae sɛ ɛsiane wɔn enti na Yesu Kristo wuiɛ no.Emu NsɛmYesu Kristo, Ɔsomfoɔ a ɔtwa asomfoɔ nyinaa mu (1.1–2.18)Yesu Kristo, Ɔsomafoɔ a ɔtwa asomafoɔ nyinaa mu (3.1–4.3)Yesu Kristo, Ɔsɔfopanin a ɔtwa asɔfoɔ mpanimfoɔ nyinaa mu (4.14–7.28)Kristo yɛ apam agya (8.1–9.28)Kristo yɛ afɔrebɔdeɛ pa (10.1-39)Gyidie yɛ ɛkwan pa (11.1–12.29)Asɛmfua a ɛtwa toɔ (13.1-25)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help