Nnwom 105 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 105

1Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.

2Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;

monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

3Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.

4Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;

na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.

5Monkae anwanwadeɛ a wayɛ

ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,

6Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,

Ao Yakob mma a wapa wɔn.

7Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn.

Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.

8Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,

9apam a ɔne Abraham yɛeɛ no

ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.

10Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

11Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”

12Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

13Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;

firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

14Wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:

15“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;

na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”

16Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so

na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;

17na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,

Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.

18Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,

na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,

19kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,

kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.

20Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;

aman no sodifoɔ gyaa no.

21Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,

deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,

22sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ

na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.

23Afei, Israel kɔɔ Misraim;

Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.

24 Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;

ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,

25wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ

na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.

26Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,

ne Aaron a na wayi noɔ no.

27Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,

nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.

28Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum

ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.

29Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,

nam so kumm emu mpataa.

30Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,

na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.

31Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree

ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.

32Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ

a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;

33Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua

na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.

34Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ

mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;

35wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,

na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.

36Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,

wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.

37Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,

firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.

38Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,

ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.

39Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,

na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.

40Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.

Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.

41Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;

na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.

42Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a

ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.

43Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.

Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;

44ɔde amanaman no nsase maa wɔn,

na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ

45na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ

adi ne mmara so.

Monyi Awurade ayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help