1Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibereɛ so;
wo ho sukɔm de me kra,
me onipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so,
baabi a nsuo nnie.
2Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ
mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.
3Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti
mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.
4Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,
na wo din mu na mɛpagya me nsa.
5Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi;
mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.
6Meda me mpa so a, mekae wo.
Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.
7Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ,
wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.
8Me kra bata wo ho;
na wo nsa nifa kura me mu.
9Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;
wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
10Wɔbɛdane wɔn ama akofena
na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.
11Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu;
wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,
na wɔbɛmua atorofoɔ ano.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
