Nnwom 47 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 47Kora mma dwom.

1Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;

momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,

Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

3Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,

na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.

4Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,

deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.

5Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu.

Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

6To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;

to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.

7Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene.

Monto ahurisie nnwom mma no.

8Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so

Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.

9Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano

sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,

ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea;

na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help