1Due wo Ariel,
Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!
Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.
2Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;
wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,
wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.
3Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;
mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia
na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.
4Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;
mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.
Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;
wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.
5Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,
na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.
Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.
6Asafo Awurade bɛba.
Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,
mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.
7Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,
wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,
ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,
anaa anadwo mu anisoadehunu.
8Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,
na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;
sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,
nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,
saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a
wɔko tia Bepɔ Sion no.
9Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,
mo ani mfira a monhunu adeɛ;
mommoboro a ɛmfiri nsã,
montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.
10 Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifoɔ no);
wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
11Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”
12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”
13Awurade ka sɛ,
“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.
Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;
mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
15Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,
wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,
“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
16Mosisi nneɛma tiri ase.
Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!
Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,
“Wo na woyɛɛ me anaa”?
Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ
“Ɔnnim hwee anaa”?
17Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ
na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.
18Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu
na kusuuyɛ ne esum mu mpo
onifirani ani bɛhunu adeɛ.
19Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio;
ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20Atutupɛfoɔ bɛyera,
wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,
na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.
21Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,
wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ
na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.
22Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no
ka kyerɛ Yakob fiefoɔ:
Yakob anim renguase bio;
wɔn anim rento hoa bio.
23Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu,
wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a,
wɔbɛyɛ me din no kronkron;
wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,
na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.
24Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ;
wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.