Nnwom 20 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 20Dawid dwom.

1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;

Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo

na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.

3Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa

na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.

4Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ,

na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.

5Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim

na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu.

Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.

6Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa;

ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ

ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.

7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so

na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so,

nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.

8Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,

na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.

9Ao Awurade gye ɔhene nkwa!

Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help