Nnwom 141 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 141Dawid dwom.

1Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.

Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so.

2Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam;

ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ.

3Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano;

na wɛn mʼano ɛpono.

4Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho,

na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi;

mma me ne abɔnefoɔ

nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.

5Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ;

ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo.

Me tiri rempo.

Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.

6Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam;

na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.

7Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no,

saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.”

8Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da;

wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.

9Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu,

mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.

10Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn,

na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help