1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, ɛfiri sɛ, mekaa sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.’
2Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
3Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri sɛ, moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. Sɛ me ne mo kɔ a, anhwɛ a, mɛsɛe mo wɔ ɛkwan so.”
4Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa.
5Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.”
6Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ wɔ Bepɔ Horeb so.
7Na Mose sii hyiabea ntomadan wɔ sraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkutaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no edin “Ahyiaeɛ Ntomadan.”
8Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi sɛ ɔbɛduru ɛdan no ano.
9Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.
10Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no.
11Ɛdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba.
12Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’
13Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.”
14Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”
15Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha.
16Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?”
17 Awurade buaa Mose sɛ, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”
18Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam.
19 Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.
20Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu.
21“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
22Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam.
23Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.