Ɔsɛnkafoɔ 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no,

saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.

2Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa,

nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum.

3Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so a

wɔhunu sɛ ɔnnim nyansa

na ɔma obiara hunu sɛ wagyimi.

4Sɛ sodifoɔ bo fu wo a,

nnya wʼadwuma nto hɔ;

na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.

5Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase.

Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:

6Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn,

na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.

7Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so,

na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.

8Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu;

na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.

9Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no;

na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.

10Sɛ abonnua ano akum

na wɔanse ano a,

ɛbɛhia ahoɔden bebree

nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.

11Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a

deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.

12Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam,

nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.

13Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm;

na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,

14na ɔkwasea woro nsɛm.

Obiara nnim deɛ ɛreba,

hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?

15Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;

na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.

16Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa

na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.

17Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ

na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata

de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.

18Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ;

sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.

19Wɔto ɛpono ma sereɛ,

na nsã ma onipa ahosɛpɛ,

nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.

20Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene,

na wowɔ piam nso a, nnome osikani,

ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ,

na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help