Hiob 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1“Abrabɔ afono me;

enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie

na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.

2Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ,

na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

3Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya?

Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma

na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?

4Wowɔ ɔhonam mu ani anaa?

Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa?

5Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani

anaa wo mfeɛ te sɛ onipa,

6a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ

na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

7Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ,

nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.

8“Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me.

Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?

9Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ.

Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?

10Woanhwie me sɛ nufosuo

no womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi,

11amfa wedeɛ ne honam ankata me ho

ankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa?

12Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me,

na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so.

13“Nanso yei na wode siee wʼakoma mu;

na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu.

14Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me

na wobɛma me ɛso asotwe.

15Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!

Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti,

ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma

na mʼamanehunu amene me.

16Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,

na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.

17Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me

na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so;

wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.

18“Adɛn enti na woma wɔwoo me?

Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.

19Anka mamma nkwa yi mu,

anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.

20Aka kakra na me nna atwam,

gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi

21ansa na makɔ koransane

kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,

22asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,

sunsumma tumm ne sakasaka,

baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help