Nnwom 23 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 23Dawid dwom.

1 Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.

2Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu;

ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,

3ɔdwodwo me kra.

Ɔde me fa akwantenenee so,

ne din enti.

4Sɛ menam

owuo sum kabii mu mpo a,

mensuro bɔne bi,

ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ;

wʼabaa ne wo poma

na ɛkyekyere me werɛ.

5Woto me ɛpono wɔ

mʼatamfoɔ anim.

Wode ngo afɔ me tirim;

me kuruwa ayɛ ma abu so.

6Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi

me nkwa nna nyinaa;

na mɛtena Awurade fie

daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help