2 Ahemfo 3 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Moab Ne Israel Ɔko

1Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe wɔ Yuda no. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfeɛ dumienu.

2Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no.

3Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no.

4Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara.

5Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.

6Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano.

7Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?”

Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.”

8Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?”

Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom ɛserɛ so.”

9Edomhene ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa.

10Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.”

11Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ.”

Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ.”

12Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.

13Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!”

14Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho.

15Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.”

Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so,

16ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma.

17Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no.

18Na yei yɛ ade kumaa bi ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim.

19Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa.”

20Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara.

21Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so.

22Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya.

23Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!”

24Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma.

25Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so.

26Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi.

27Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help