2 Ahemfo 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Abonnuatire A Ɛtɛ Nsuo Ani

1Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua.

2Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu wɔ hɔ.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔyɛ.”

3Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.”

Ɔkaa sɛ, “Mate yɛbɛkɔ.”

4Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua.

5Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!”

6Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani.

7Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.

Elisa Nsa Ka Aramfoɔ No

8Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.”

9Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.”

10Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.

11Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”

12Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.”

13Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.”

14Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho.

15Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”

16Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.”

17Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.

18Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.

19Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.

20Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria.

21Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?”

22Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.”

23Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.

Ben-Hadad Tua Samaria Ano

24Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria.

25Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe.

26Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”

27Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.”

28Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”

Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ.

29Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.”

30Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase.

31Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.”

32Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.”

33Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ.

Na ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help