1Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda.
2Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem.
3Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no.
4Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam.
5 Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
6Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
7Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Sakaria Di Ɔhene Wɔ Israel8Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia.
9Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho.
10Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no.
11Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
12Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu.
Salum Di Ɔhene Wɔ Israel13Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ.
14Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so.
15Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Menahem Di Ɔhene Wɔ Israel16Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu.
17Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu.
18Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no.
19Afei, Asiriahene Pul bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim.
20Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson (570) sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.
21Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
22Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Pekahia Di Ɔhene Wɔ Israel23Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu.
24Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
25Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel.
26Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Peka Di Ɔhene Wɔ Israel27Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu.
28Nanso, Peka yɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
29Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria.
30Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda.
31Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Yotam Di Ɔhene Wɔ Yuda32Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu.
33Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.
34Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ.
35Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono.
36Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
37Saa mmerɛ no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so.
38Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.