Hiob 36 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Elihu toaa ne kasa so sɛ,

2“Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ

aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.

3Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri;

mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.

4Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo;

na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.

5“Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;

ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.

6Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,

na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.

7Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.

Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ

na ɔma wɔn so afebɔɔ.

8Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa

na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,

9ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn

sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

10Ɔma wɔtie ntenesoɔ

na ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.

11Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,

wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu

na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

12Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano,

na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.

13“Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;

mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.

14Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,

wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.

15Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;

na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.

16“Ɔregye wo afiri ahohiahia mu

de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie,

deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.

17Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;

atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.

18Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;

mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.

19Wʼahonya anaasɛ mpo

wʼahohaw bebrebe nyinaa enti,

worenkɔ amanehunu mu anaa?

20Mpere anadwo ho,

sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.

21Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho,

deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu.

22“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu.

Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?

23Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no

anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’

24Kae na kamfo nʼadwuma a

nnipa de nnwontoɔ akamfo no.

25Adasamma nyinaa ahunu;

nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.

26Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so!

Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.

27“Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ,

ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;

28na omununkum tɔ bosuo gu fam

na osutɔ bebree gu adasamma so.

29Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase,

sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?

30Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho

ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.

31Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so

na ɔma aduane bu wɔn so.

32Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma

na ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ.

33Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ;

na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help