Mmɛbusɛm 25 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Salomo Mmɛbusɛm Nkekaho

1Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

2Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;

sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

3Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

4Sɛ wɔyi dwetɛ ho a,

dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;

5Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,

na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

6Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,

na mpere diberɛ wɔ atitire mu;

7Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,”

sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim.

Deɛ wode wʼani ahunu no

8mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,

na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a

ɛdeɛn na wobɛyɛ?

9Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforɔ ahintasɛm adi,

10anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase

na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

11Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no

te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

12Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ

te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

13Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no

saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no

te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,

na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

16Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no

te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

19Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye

te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

20Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no

te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu

anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

21Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

22Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,

saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

24Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

25Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no

te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

26Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,

te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

27Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,

na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.

28Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no

te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help