Nnwom 144 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 144Dawid deɛ.

1Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan,

deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,

na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.

2Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban,

mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ,

me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu;

ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho?

Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?

4Onipa te sɛ ahomeɛ;

ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

5Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;

fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

6Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete;

to wo mmemma no ma wɔn nnwane.

7Tene wo nsa firi soro bra fam;

gye me na yi me

firi nsuo akɛseɛ ho,

firi ananafoɔ nsam,

8wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma,

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;

mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,

10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo,

na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

11Gye me na yi me firi

ananafoɔ nsam,

wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ

bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie,

na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum

a wɔasene de asiesie ahemfie.

13Yɛn asan bɛyɛ ma.

Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi.

Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem,

ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;

14yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru.

Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu;

yɛrenkɔ nkoasom mu,

na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.

15Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.

Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help